Publicidade

Neemias 4

Atamfoɔ Tia Nsiesie No

1 Ɛberɛ a Sanbalat tee yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho , 2 ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim , "Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene wɔreyɛ? Wɔgye di , wɔbɔ afɔdeɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?"

3 Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa , "Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!"

4 Na mebɔɔ mpaeɛ , "Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho . Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ amamfrafoɔ asase so. 5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri , wɔahyɛ wo abufuo adansifoɔ yi anim."

6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri , ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.

7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie. 8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba . 9 Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa , "Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no."

11 Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka , "Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ."

12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree , "Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so."

13 Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no tia, mmeammea a ɛhɔ deda . Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan. 14 Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn , "Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie."

15 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so.

16 Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee . Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a 17 na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu. 18 Adansifoɔ no mu biara akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn.

19 Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitire ne adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa , "Adwuma no atrɛ, na yɛn ntam nso woware ɔfasuo no so. 20 Na mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no . Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn."

21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn. 22 Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no , wɔntu nkɔ Yerusalem. wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu. 23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me no anworɔ yɛn ntadeɛ da. yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-