Publicidade

Provérbios 1

Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:

2 Ne botaeɛ ne ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;

ne ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu ase;

3 wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;

4 ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.

5 Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

6 ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,

anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.

7 Awurade suro nimdeɛ ahyɛaseɛ,

na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.

9 Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

10 Me ba, nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a,

mma wɔn ho ɛkwan.

11 wɔka , "Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi,

ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;

12 ma yɛmmemmene wɔn anikann ɛda,

yɛmmene wɔn wɔn a wɔkɔ damena mu;

13 yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ

na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;

14 enti, fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wobɛnya wo kyɛfa ahonyadeɛ no mu" a,

15 Me ba, wo ne wɔn nnante,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16 Wɔn nan de ntɛmpɛ bɔne mu,

na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.

17 Ɛho nni mfasoɔ obi bɛsum nnomaafidie

ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!

18 Saa nnipa yi tetɛ wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!

19 Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20 Nyansa team mmɔntene so,

ɔma ne nne so adwaberem,

21 ɔteaam afasuo no atifi,

ɔkasa kuropɔn no apono ano ,

22 "Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?

Fɛdifoɔ bɛdi akɔsi da bɛn?

Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?

23 motiee mʼaninka a,

anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

maa mo hunuu me nsusuiɛ.

24 Nanso, moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,

25 mopoo mʼafotuo,

na moampɛ mʼanimka enti,

26 me nso mɛsere mo mo amanehunu mu;

abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,

27 abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te ahum,

na amanehunu bi fa mo so twahoframa,

na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,

28 "Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo;

mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.

29 Esiane wɔkyirii nimdeɛ

na wɔampɛ wobɛsuro Awurade.

30 Esiane w ɔpoo mʼafotuo,

na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,

31 wɔbɛdi wɔn akwan so aba

na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.

32 Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn,

na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33 Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-