Pular para o conteúdo
Publicidade

Coragem

Por Bíblia Online

A coragem cristã não é ausência de medo — é confiança em Deus maior que todo temor. Sê forte e corajoso! é o chamado repetido do Senhor aos seus filhos.

Sê forte e corajoso

O Senhor é a minha luz e a minha salvação — de quem terei medo? Com coragem enfrentamos o mundo, porque Deus está conosco.

Mehyɛ wo , den na nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."

Mehyɛ wo , den na nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."

Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso."

Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso."

Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!"

Afei, Dawid toaa so se, "den na ma wo bo nyɛ duru na adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ.

Coragem em Cristo

Não vos deu Deus espírito de covardia. Sede fortes na fé! O perfeito amor lança fora todo medo.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ ɔdɔ mu.

Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho.

Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.

Efisɛ moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, "Abba, Agya!"

Não temas

Não temas, porque Eu sou contigo. Quando tiver medo, em ti confiarei. Deus é nosso escudo e fortaleza.

Enti nsuro, na mene wo ;

mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.

Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,

nea okura wo nsa nifa mu

na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro;

mɛboa wo.

Nsuro, efisɛ meka mo ho;

mede wo mma befi apuei fam aba

na maboa wɔn ano afi atɔe fam.

"Nsuro; wʼanim rengu ase.

Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase.

Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwu

na wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.

mebɔ hu a,

mede me ho bɛto wo so.

Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.

Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?

Awurade ne me hann ne me nkwagye;

hena na minsuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hena anim na me ho mpopo?

Twɛn Awurade.

Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru

na twɛn Awurade.

Twɛn Awurade.

Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru

na twɛn Awurade.

Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,

mo a mowɔ anidaso Awurade mu nyinaa.

menam

owu sum kabii mu mpo a,

minsuro bɔne bi,

efisɛ wo ne me na ɛwɔ ;

wʼabaa ne wo pema

na ɛkyekye me werɛ.

Conforto e encorajamento

O Deus de toda consolação nos consola em todas as tribulações. Coragem não falta a quem descansa em Deus.

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. Ɔkyekye yɛn werɛ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ.

Yɛte nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw. Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi yɛn mu. Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi yɛn nipadua a ewu no mu.

Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se,

"Merennyaw wo,

na merempo wo da."

Momma yensi yɛn bo nka se,

"Awurade ne me boafo, enti merensuro.

Dɛn na onipa betumi ayɛ me?"

wopere wopɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? Na ɛba mpo woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo.

Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso.

Bere a asuafo no huu obi ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw wɔahu ɔsaman. Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!"

Seja o primeiro