Mudança
A mudança é constante na vida, mas Deus é imutável. A Bíblia nos ensina a abraçar a transformação espiritual enquanto confiamos no Deus que é o mesmo ontem, hoje e sempre.
Deus é imutável
Jesus Cristo é o mesmo ontem, hoje e para sempre. Deus não muda — Ele é a rocha firme em meio às mudanças constantes da vida.
Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa.
Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔn
"Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no.
Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma.
Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
Transformação em Cristo
Se alguém está em Cristo, é nova criação. Somos transformados de glória em glória à imagem do Senhor pelo poder do Espírito.
Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba.
Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.
Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.
Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.
Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.
Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa; sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra.
Arrependimento como mudança
Arrependei-vos, pois, e convertei-vos. O arrependimento é a mudança mais radical — da morte para a vida, do pecado para a graça.
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa.
Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara.
Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ,
Tempos e ciclos
Para tudo há uma estação e um tempo para cada propósito debaixo do céu. Deus faz novas todas as coisas no tempo certo.
Biribiara Wɔ Ne Bere
Biribiara wɔ ne bere,
na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.
Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,
nanso asase tim hɔ daa.
Owia pue na owia kɔtɔ,
na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.
Mframa bɔ kɔ anafo fam
na ɛdan hwɛ atifi fam;
ekyinkyin kɔ baabiara,
na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,
nanso po nyɛ ma da.
Faako a nsubɔnten no fi no
hɔ na wɔsan kɔ bio.
Nea aba no bɛba bio,
nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;
ade foforo biara nni owia yi ase.
Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:
"Hwɛ! eyi yɛ ade foforo" ana?
Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee;
ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Hwɛ, mereyɛ ade foforo!
Mprempren, ɛrepue; na munhu ana?
Merebɔ kwan afa nweatam so
na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw aka se, "Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!" Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase. Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no. Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo.