Publicidade

Raiva

Por Bíblia Online

A raiva é uma emoção humana que a Bíblia trata com seriedade. Irar-se não é pecado em si, mas a ira descontrolada destrói relacionamentos e abre porta para o mal.

Controlar a ira

A Bíblia nos exorta a ser tardios para irar-se. A resposta branda desvia o furor, e o que se controla é mais forte que um guerreiro.

Otie Ne Ɔyɛ

Me nuanom adɔfoɔ, monhyɛ yeinom nso: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuo;

Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,

nanso asɛm a ano den hwanyane abufuo mu.

Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ nteaseɛ a emu ,

na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

Ɔkwasea bo nkyɛre fu,

nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

Irar-se sem pecar

Paulo ensina: irai-vos, mas não pequeis. Não deixe o sol se pôr sobre a vossa ira, para não dar lugar ao diabo.

wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. Mma ɔbonsam kwan.

Ɛyɛ onipa animuonyam ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifoɔ biara ntɔkwa.

Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,

na wɔhunu nyansa wɔn a wɔtie afutuo mu.

Amor e perdão acima da raiva

O amor cobre multidão de pecados. A Bíblia nos chama a não alimentar rancor, mas a perdoar e amar, vencendo a raiva com compaixão.

Ɔtan hwanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;

" Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. woyɛ saa a, wo nso wodi ho saa ara.

" Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, wo yɔnko wo ho, na mene Awurade.

Ɔtoaa so , "Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.

"ɔbarima gyaa ne yere

na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a,

ɛsɛ ɔbarima no sane ɔbaa no nkyɛn anaa?

Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa?

Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman,

na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?"

Awurade na ɔseɛ.

"Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so.

Baabi a wɔntoo wo monnaa da anaa?

Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ,

wotenaa mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena anweatam so.

Woagu asase no ho fi

wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.

Enti wɔatwe obosuo asan,

na osutɔberɛ nsuo antɔ.

Nanso wʼanim ayɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee;

wʼani nwu hwee.

Nanso, woka kyerɛ me :

Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,

wobo bɛfu biribiara anaa?

Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?

Sei na wokasa,

nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi."

Israel A Ɔnni Nokorɛ

Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me , "Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ . Mesusuu , anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ. Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra. Esiane Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman. Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ," sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Awurade ka kyerɛɛ me , "Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. , fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:

" Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,Sei na Awurade seɛ,

Meremmuna nkyerɛ wo bio,

ɛfiri meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,sei na Awurade seɛ,

Me bo renfu afebɔɔ.

Gye wo afɔdie to mu,

woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn,

woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame

dua biara a adendan ase,

na woanyɛ ɔsetie amma me,’ "

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

"Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ," sɛdeɛ Awurade seɛ nie, "ɛfiri meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan. Saa nna no mu, mo dɔɔso bebree asase no so a," Awurade na ɔseɛ, "nnipa renka bio , Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso. Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn asoɔden no akyi bio. Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom agyapadeɛ no so.

"Mʼankasa mekaa ,

Anka ɛbɛyɛ me anigye mɛyɛ mo mma

na mama mo asase a ɛyɛ,

agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.

Mesusuiɛ mobɛfrɛ me Agya

na monnane mo ho mfiri mʼakyi.

Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,

saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Wɔte esu bi nkokoɔ no so,

ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ,

ɛfiri wɔakyeakyea wɔn akwan

na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.

"Monsane mmra, ɔyera mma;

mɛsa mo akyirisane yadeɛ no."

"Aane, yɛbɛba wo nkyɛn,

ɛfiri wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.

Nokorɛm, ahoni hooyɛ nkokoɔ

ne mmepɔ so no nnaadaa;

nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu

na Israel nkwagyeɛ .

Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi

yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,

wɔn nnwankuo ne anantwie,

wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.

Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam

na yɛn ahohora nkata yɛn so.

Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn,

yɛn ne yɛn agyanom;

ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ

yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn."

Luciano Januzelli
1 pessoa deu Amém
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_21-26-40-