Vaso
A metáfora do vaso é uma das mais belas da Bíblia. Assim como o oleiro molda o barro, Deus nos forma segundo seus propósitos, fazendo de nós vasos úteis para sua glória.
Nas mãos do oleiro
Deus é o Oleiro e nós somos o barro. Ele tem autoridade e sabedoria para nos moldar conforme sua vontade perfeita, e não devemos questionar sua obra.
Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Ɔnwemfo No Fi
Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. "Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo." Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so. Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: "Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?" Awurade na ose. "Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi.
Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, "Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?" Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara.
"Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham
ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu.
Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se,
‘Dɛn na woreyɛ yi?’
Wʼadwuma betumi abisa wo se
‘Wunni nsa’?
Musisi nneɛma ti ase,
sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no!
Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se,
"Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana"?
Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se
"Onnim hwee ana"?
Vasos para honra
O cristão é chamado a ser um vaso de honra, purificado e preparado para toda boa obra. Nosso valor está em quem nos formou e no que carregamos.
Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa. Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.
Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn.
Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu
na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,
mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,
ɔnwemfo nsa ano adwuma!
Moldados pela graça
Mesmo quando nos sentimos frágeis e imperfeitos, o poder de Deus se aperfeiçoa em nossa fraqueza. Ele nos restaura e nos renova continuamente.
"Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.
Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?
Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte.
Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?
Sɛnea ama kata asankagow ho no
saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.
Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;
mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.
Mo kum bere no adu;
mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.