Pular para o conteúdo
Publicidade

Jeremias 18

Ɔnwemfo No Fi

1 Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 "ɔnwemfo no fi, na na mede mʼasɛm no bɛma wo." 3 Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no , ɔreyɛ adwuma ne ntwahode so. 4 Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.

5 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 6 "Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi ana?" Awurade na ose. "Sɛnea dɔte te ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote me nsam, Israelfi. 7 bere biara meka se ɛsɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a, 8 na ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii mede bɛba wɔn so mma bio. 9 Na mmere foforo bi meka se, ɛsɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si , 10 na ɔyɛ bɔne mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ meyɛ no no ho.

11 "Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.12 Nanso wobebua se, So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’ "

13 Ɛno nti nea Awurade se ni,

"Mummisa amanaman no mu se,

hena na wate biribi sɛɛ pɛn?

Ɔbabun Israel ayɛ

ade bi a ɛyɛ hu yiye.

14 So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon no18.14 Lebanon—Ɛyɛ mmepɔw atenten a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne sorokɔ boro anammɔn mpem du.

yera fi nʼabotan a esian no so ana?

So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyiri

no gyae sen ana?

15 Nanso me nkurɔfo werɛ afi me.

Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw,

a ɛma wohintihintiw wɔn akwan so

ne tete atempɔn so.

Wɔma wɔfa kwatikwan

ne akwan a wɔmmɔe so.

16 Wɔn asase bɛda mpan,

na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa;

wɔn a wotwa mu no ho bedwiriw wɔn

na wobehinhim wɔn ti.

17 Sɛnea apuei mframa te no,

mɛbɔ wɔn ahwete wɔn atamfo anim;

mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanim

wɔn amanehunu da no."

18 Wɔkae se, "Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara."

19 aso ma me, Awurade;

tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!

20 Ɛsɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana?

Nanso wɔatu amoa ama me.

Kae migyinaa wʼanim

na mekasa maa wɔn,

sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.

21 Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma;

yi wɔn ma afoa.

Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo;

ma wonkunkum wɔn mmarima,

na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante ɔko mu.

22 Ma wɔnte osu wɔn afi mu

bere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim,

efisɛ wɔatu amoa ama me,

na wɔasunsum mʼanan mfiri.

23 Nanso wunim Awurade,

pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me.

Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,

na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so.

Ma wonni nkogu wʼanim;

na wo ne wɔn nni wʼabufuw mu.

Veja também