Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 10

1 "Abrabɔ afono me;

enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie

na mɛkasa afi me kra yawdi mu.

2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ,

na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

3 Ɛyɛ wo wohyɛ me so,

de po wo nsa ano adwuma,

na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?

4 Wowɔ ɔhonam mu ani ana?

Wuhu ade te ɔdesani ana?

5 Wo nkwanna te ɔdesani

anaa wo mfe te onipa hoɔdenfo,

6 a enti ɛsɛ wohwehwɛ me mfomso

na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

7 Ɛwɔ mu, wunim minni ,

na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.

8 "Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.

Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?

9 Kae wonwen me dɔte.

Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?

10 So woanhwie me nufusu

na woammɔ me toa srade,

11 amfa were ne honam ankata me ho

ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?

12 Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me,

na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.

13 "Nanso eyi na wode siee wo koma mu,

na minim na eyi wʼadwene mu.

14 meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me

na wobɛma me so asotwe.

15 Na midi a, nnome nka me!

Na mpo midi bem a, merentumi mma me ti so,

efisɛ aniwu ahyɛ me ma

na mʼamanehunu amene me.

16 Na mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me gyata,

na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.

17 Wode nnansefo foforo betia me

na woma wʼabufuw ano den me so;

wʼasraafo tu ba me so bere biara.

18 "Adɛn nti na woma wɔwoo me?

Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.

19 anka mamma nkwa yi mu,

anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!

20 So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana?

Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi

21 ansa na makɔ koransan

kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,

22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,

sum kabii ne sakasaka,

baabi a ɛhɔ hann mpo te sum."

Veja também