Vaso
A metáfora do vaso é uma das mais belas da Bíblia. Assim como o oleiro molda o barro, Deus nos forma segundo seus propósitos, fazendo de nós vasos úteis para sua glória.
Nas mãos do oleiro
Deus é o Oleiro e nós somos o barro. Ele tem autoridade e sabedoria para nos moldar conforme sua vontade perfeita, e não devemos questionar sua obra.
Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. "Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo." Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so. Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: "Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?" Awurade na ɔseɛ. "Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ.
Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, "Adɛn enti na wonwonoo me sei?" Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
"Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham
Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu.
Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ,
‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ,
‘Wonni nsa’?
Mosisi nneɛma tiri ase.
Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!
Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,
"Wo na woyɛɛ me anaa"?
Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ
"Ɔnnim hwee anaa"?
Vasos para honra
O cristão é chamado a ser um vaso de honra, purificado e preparado para toda boa obra. Nosso valor está em quem nos formou e no que carregamos.
Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma. Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi.
Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn.
Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu
na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,
seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,
ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!
Moldados pela graça
Mesmo quando nos sentimos frágeis e imperfeitos, o poder de Deus se aperfeiçoa em nossa fraqueza. Ele nos restaura e nos renova continuamente.
"Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me.
Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?
Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ.
Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?
Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no
saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ;
mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ.
Mokum berɛ no aduru
mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.