Publicidade

Jeremias 18

Ɔnwomfoɔ No Fie

1 Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 "ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo." 3 Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no , ɔreyɛ adwuma ne ntwahodeɛ so. 4 Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.

5 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 6 "Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi anaa?" Awurade na ɔseɛ. "Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ. 7 ɛberɛ biara meka ɛsɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, 8 na ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ me de bɛba wɔn so mma bio. 9 Na mmerɛ foforɔ bi meka , ɛsɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si , 10 na ɔyɛ bɔne mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ meyɛ noɔ no ho.

11 "Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem , Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.12 Nanso wɔbɛbua , Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ "

13 Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,

"Mommisa amanaman no mu ,

hwan na wate biribi sɛi pɛn?

Ɔbaabunu Israel ayɛ

adeɛ bi a ɛyɛ hu yie.

14 Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon18.14 Lebanon—Ɛyɛ mmepɔ atentene a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne ɔsorokɔ boro anammɔn ɔpedu.

nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?

Nsuo wiridudu a nʼatifi akyirikyiri

gyae sene anaa?

15 Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.

Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,

a ɛma wɔn suntisunti wɔn akwan so

ne tete atempɔn so.

Wɔma wɔfa akwan nkyɛn

ne akwan a wɔmmɔeɛ so.

16 Wɔn asase bɛda mpan,

na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;

wɔn a wɔtwam no ho bɛdwiri wɔn

na wɔbɛwosowoso wɔn ti.

17 Mɛbɔ wɔn ahwete wɔn atamfoɔ anim

te deɛ apueeɛ mframa no.

Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,

wɔn amanehunu da no."

18 Wɔkaa , "Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara."

19 aso ma me, Ao, Awurade;

tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka!

20 Ɛsɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?

Nanso wɔatu amena ama me.

Kae megyinaa wʼanim

na mekasa maa wɔn

sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so.

21 Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;

yi wɔn ma akofena.

Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;

ma wɔnkunkum wɔn mmarima

na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ ɔko mu.

22 Ma wɔnte osu wɔn afie mu

ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim,

ɛfiri , wɔatu amena ama me,

na wɔasumsum me nan mfidie.

23 Nanso wonim Ao, Awurade,

ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa wɔbɛkum me.

Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,

na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so.

Ma wɔnni nkoguo wʼanim;

na wo ne wɔn nni wʼabofuo mu.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-