Publicidade

Isaías 45

1 "Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo,

Kores a wasɔ ne nsa nifa mu

ɔmmrɛ aman ase nʼanim

na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam

na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim

sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.

2 Mɛdi wʼanim

mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;

mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu

na matwitwa dadeɛ adaban mu.

3 Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo

ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam

sɛdeɛ wobɛhunu , mene Awurade,

Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.

4 Me ɔsomfoɔ Yakob enti,

Israel a mapa no enti,

mebɔ wo din frɛ wo

na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,

ɛwom wonnyee me ntoo mu deɛ.

5 Mene Awurade, obiara nni bio;

Onyankopɔn biara nni ka me ho.

Ɛwom wonnyee me ntoo mu deɛ,

nanso mɛhyɛ wo den,

6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue

kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no

nnipa bɛhunu obiara nka me ho.

Mene Awurade, na obiara nni bio.

7 Meyɛ hann, na mebɔ esum.

Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba;

Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.

8 "Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam;

momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ

momma asase mu mmue kɛseɛ,

na nkwagyeɛ mpue mfiri mu,

na tenenee ne no nnyini;

Me, Awurade na mayɛ.

9 "Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham

Ɛnka deɛ ɔmfra te kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu.

Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ ,

ɛdeɛn na woreyɛ yi?

Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo ,

Wonni nsa?

10 Nnome nka deɛ ɔse nʼagya

Adɛn enti na wowoo me?

Anaa ɔbisa ne maame ,

Adɛn enti na wokyem me woeɛ?

11 "Sei na Awurade seɛ,

Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ;

ɛfa nneɛma a ɛreba ho no.

Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,

anaa wohyɛ me me nsa ano adwuma ho?

12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase

na mebɔɔ adasamma guu so.

Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;

nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.

13 Mɛma Kores so me tenenee mu;

mɛtenetene nʼakwan nyinaa.

Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn

na wagyaa mʼatukɔfoɔ,

nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,

Asafo Awurade na ɔseɛ."

14 Sei na Awurade seɛ:

"Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,

ne Sebafoɔ atentene no,

wɔbɛba wo nkyɛn

abɛyɛ wo dea;

wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a

wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim

na wɔasrɛ wo aka ,

Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni ;

onyame biara nni .’ "

15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,

Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;

wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.

17 Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa,

ɔde daapem nkwagyeɛ;

Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio

kɔsi daapem.

18 Na sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no

ɔno ne Onyankopɔn;

deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no,

ɔno na ɔtoo ne fapem;

wammɔ no ɛso nna kwa,

mmom ɔyɛeɛ nnipa ntena so,

ɔka :

"Me ne Awurade,

na obi nni .

19 Menkasaa kɔkoam,

mfiri asase so baabi a aduru sum;

manka ankyerɛ Yakob asefoɔ ,

mohwehwɛ me a monnhunu me.

Me Awurade, meka nokorɛ no;

meka deɛ ɛyɛ.

20 "Mommoaboa mo ho ano na mommra;

monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so,

mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini,

mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ.

21 Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa

na wɔn mmɔ mu ntu agyina.

Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,

hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?

Ɛnyɛ me Awurade anaa?

Onyankopɔn bi nni ka me ho,

tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;

obiara nni me.

22 "Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa,

mo a mowɔ asase ano nyinaa;

ɛfiri mene Onyankopɔn, na obiara nni .

23 Maka me ho ntam,

mʼano aka nokorɛdie nyinaa mu,

asɛm a wɔntwe nsane :

obiara bɛbu nkotodwe mʼanim.

Na obiara bɛpae mu aka , mene Onyankopɔn.

24 Wɔbɛka me ho asɛm , Awurade nko ara mu

na tenenee ne ahoɔden .’ "

Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa

bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.

25 Nanso Awurade mu,

wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem,

na wɔahoahoa wɔn ho.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-