Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 19:1-8

Elia Guan Kɔ Bepɔw Sinai So

1 Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2 Enti Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia se, "Sɛ ɔkyena sesɛɛ na minkum wo, sɛnea woakum nkurɔfo yi a, anyame no nkum me bi."

3 Elia tee nkra no, osuroe, enti oguan de peree ne ti. Ɔkɔɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaw ne somfo wɔ hɔ, 4 na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, "Nea mahu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom."

5 Na ɔdaa dua no ase.

Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, "Sɔre na didi." 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio.

7 Na Awurade bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, "Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware." 8 Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔw no din foforo a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.