Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Reis 3

5 Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo."

6 Salomo kae se, "Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, ɔtreneeni a ne koma mu nso da . Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima ɔntena nʼahengua nso so.

7 "Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii ade sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfe aduonu. minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abedu nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?"

10 Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee obisaa nyansa. 11 Enti Awurade buae se, "Esiane woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa wo tamfo bi nwu no nti, 12 mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da.

Veja também