Wɔde Apam Adaka No Ba Asɔredan Mu
1 Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, sɛ wonhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo wɔ Asɔredan mu hɔ. 2 Wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase wɔ ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.
3 Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so. 4 Afei, asɔfo no ne Lewifo maa Awurade Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho. 5 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
6 Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. 7 Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so. 8 Na nnua a esuso mu no woware ara kosi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso sɛ ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. 9 Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no, faako a Awurade ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no.
10 Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma. 11 Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.