10 Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae. 11 Na ɔhyɛɛ bɔ se, "Ao Asafo Awurade, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da."
15 Na Hana buae se, "Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade.
17 Eli buae se, "Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo."
20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, "Mibisaa no fii Awurade nkyɛn."