Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 1

10 Hana fi awerɛhow a ano den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae. 11 Na ɔhyɛɛ se, "Ao Asafo Awurade, wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi wɔde no ama Awurade ne wɔremfa oyiwan nka ne ti da."

12 Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no. 13 Ohuu ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw wanom nsa. 14 Obisaa no se, "Ɛsɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna !"

15 Na Hana buae se, "Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. 16 Mesrɛ wo, mfa no meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae."

17 Eli buae se, "Fa asomdwoe ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo."

18 Hana teɛ mu se, "Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura" Ɔsan kodidii, na wanni awerɛhow bio.

Veja também