Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 13

Israel Ne Filisti Akodi

1 Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien.

2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea Benyamin asase so.

3 Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto Israel nyinaa se, "Hebrifo, monsɔre!" 4 Israelfo nyinaa tee Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo Gilgal.

5 Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban Mikmas Bet-Awen apuei fam. 6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu. 7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no ahopopo ne osuro mu. 8 Odii nnanson sɛnea Samuel hyɛɛ no onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu mmarima no rebɔ ahwete. 9 Enti ɔhyɛe se, "Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me." Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no. 10 Ɔrewie afɔre no ara , na Samuel koduu . Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba.

11 Samuel bisaa no se, "Dɛn na woayɛ yi?"

Saulo buae se, "Mihuu mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano Mikmas no, 12 medwenee se, Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me Gilgal, nanso mimmisaa Awurade nkyɛn adom ɛ.Enti metee nka , ɛsɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba." 13 Na Samuel kae se, "Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. wudii so a, anka obetim wʼahenni ase Israel afebɔɔ. 14 Na mprempren, wʼahenni no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni Awurade mmara no so."

15 Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia. 16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban Mikmas. 17 Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam . 18 Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam.

19 Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, "Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no." 20 Enti na Israelfo no nyinaa Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano. 21 (Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.) 22 Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye Saulo ne Yonatan.

23 Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.

Veja também