11 Enti obisaa Yisai se, "Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?"
Yisai buae se, "Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan."
Samuel kae se, "Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi."
13 Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.