Mikal Gye Dawid Nkwa
11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fi kɔwɛn hɔ sɛ, opue anɔpa a wonkum no. Nanso Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ se, "Sɛ woanguan ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wobekum wo." 12 Enti Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu ma oguanee. 13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atade kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyi ho nwi katae.
14 Bere a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɔyare a ontumi nsɔre mfi mpa so."
15 Saulo san somaa mmarima no bio se, "Monkɔfa no mfi ne mpa so mmra, sɛnea metumi akum no." 16 Nanso mmarima no wuraa ɔdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyi ho nwi na ɛkata so.
17 Saulo bisaa Mikal se, "Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?" Mikal buaa no se, "Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’ "
18 Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.