Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 2

Eli Mmabarima Amumɔyɛfo

12 Na Eli mmabarima no asansafo a wɔmfɛre Awurade, 13 anaa wɔn asɔfodwuma. Bere biara a obi bɛba abɛbɔ afɔre na wɔrenoa nam no, Eli mma no soma ɔsomfo de adinam a ɛwɔ ano abiɛsa ba. Bere a nam no si gya so no, 14 ɔsomfo no de adinam no dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ nea adinam no bɛwɔ mu no nyinaa Eli mma no de. Wɔde Israelfo a wɔba Silo nyinaa faa saa ɔkwan yi so. 15 Ɛtɔ da bi a, ansa na wɔbɛhyew srade2.15 Na mmara no ka se, ɛsɛ sɛ wɔhyew srade ne sradenam wɔ afɔremuka no so (3 Mose 3.16; 4.8-10). no, ɔsɔfo no somfo ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔre no se, "Ma ɔsɔfo no nam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo nam a woanoa, na mmom, nam amono nko ara."

16 Onipa a ɔrebɔ afɔre no ka se, "Fa dodow biara a wopɛ, nanso srade no de, ɛsɛ wɔhyew ansa." Ɛhɔ na ɔsomfo no bɛka se, "Dabi da, fa ma me mprempren ara, anyɛ saa a, mede me tumi bɛfa."

17 Na saa bɔne a mmerante yi yi akyiwade Awurade anim, efisɛ na wobu Awurade afɔrebɔ no animtiaa.

Veja também