Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 3

Awurade Frɛ Samuel

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu ade a ɛho na.

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa. 3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4 Prɛko , Awurade frɛe se, "Samuel! Samuel!"

Samuel buae se, "Mini." 5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Mini; wofrɛɛ me."

Eli nso buaa no se, "Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda." Enti ɔsan kɔdae.

6 Awurade san frɛɛ bio se, "Samuel!"

Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Mini; wofrɛɛ me?"

Eli buaa no se, "Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda."

7 Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.

8 Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, "Mini; wofrɛɛ me."

Ɛhɔ na Eli huu ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. 9 Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, "na kɔda bio, na wote obi refrɛ wo a, gye so se, Awurade kasa na wʼakoa retie.’ " Enti Samuel kɔdaa bio.

10 Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, "Samuel! Samuel!"

Na Samuel buae se, "Awurade kasa na wʼakoa retie."

11 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, "Merebɛyɛ akomatu ade bi Israel. 12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa. 13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree , atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14 Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da."

Samuel Kasa Ma Awurade

15 Samuel daa ara kosii ade kyee. Obuebuee ntamadan mfɛnsere sɛnea ɔtaa no. Na osuro ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. 16 Nanso Eli frɛɛ no se, "Samuel, me ba."

Samuel buae se, "Mini!"

17 Eli bisaa no se, "Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso." 18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, "Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye nʼani so."

19 Awurade kaa Samuel ho ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase atifi kosi anafo no, na wonim wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo. 21 Awurade kɔɔ so daa ne ho adi Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel ntamadan mu .

Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa

Veja também