Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 4

Filistifo Fa Apam Adaka No

1 Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban Afek. 2 Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan. 3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu no, Israel mpanyimfo no bisae se, "Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. yɛde ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam."

4 Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo Awurade a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono no ho.

5 Bere a Israelfo no huu wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee. 6 Filistifo no bisae se, "Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu yi?"

Wɔtee Awurade Apam Adaka no na abedu nsraban mu no, 7 wosuroe. Na wɔkae se, "Anyame no aba wɔn nsraban mu . Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da. 8 Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo sare so no. 9 Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no."

10 Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu. 11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas.

Eli Wu

12 Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow. 13 Na Eli retwɛn kwankyɛn baabi, ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi kurow no mu nyinaa. 14 Eli bisae se, "Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?"

Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15 a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn. 16 Ɔka kyerɛɛ Eli se, "Mprempren ara na mifi akono bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ ."

Eli bisae se, "Na ekosii dɛn?"

17 Ɔbɔfo no buae se, "Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ akono . Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa."

18 Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara , Eli fi akongua a ɔte so mu abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan.

19 Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu ara. 20 Owuu awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, "Mpa abaw; woawo abarimaa." Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, "Anuonyam no he, Israel anuonyam no asa," efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22 Ɔkae se, "Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no."

Veja também