Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 16

10 Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase Onyankopɔn na wafrɛ yɛn yɛnkɔka asɛmpa no .

Lidia Adwensakra

11 Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. 12 Yefi no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra saa kurow yi mu.

13 Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate Yudafo taa hyia mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa no Kyerɛwsɛm no. 14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, "mugye to mu meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi." Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii yɛpenee.

Paulo Ne Silas Da Afiase

16 Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, "Saa nnipa yi Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo."

Veja também