Paulo Ne Silas Da Afiase
16 Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, "Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo." 18 Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, "Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!" Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu.