Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No
14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, "Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15 Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16 Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:
17 " ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,
mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,
mo mmerante nso ahu anisoade.
Na mo mpanyin nso asoso adae.