Obubuafo Bi Ayaresa
1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. 2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, "Hwɛ yɛn!" 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi.
6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, "Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!" 7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den. 8 Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.