44 "Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. 45 Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn se ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. 47 Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn.
48 "Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu, sɛnea odiyifo no ka se,
49 " ‘Ɔsoro yɛ mʼahengua,
Awurade na ose.
Na asase yɛ mʼanan ntiaso.
Ɔdan bɛn na wubesi ama me?
Na mʼahomegyebea wɔ he?
50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyinaa?’