18 Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19 "Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi."
20 Petro ka kyerɛɛ no se, "Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no. 21 Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim. 22 Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23 Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum."
24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, "Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so."