Pular para o conteúdo
Publicidade

Asomafo 8

32 Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi:

"Ɔte oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma komm ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

33 Nʼanimguase mu, wannya odimafo.

Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm?

Efisɛ woyii no fii asase yi so."

34 Piamni no bisaa Filipo se, "Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?" 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.

Veja também