36 Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo. 37 Saa bere koro no ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no9.37 Amanne bi a na Yudafo ne Helafo nyinaa di so ne sɛ woguare funu ansa na wosie no. de no kɔtoo abansoro dan9.37 Sɛ wɔantumi ansie owufo ntɛm a, amanne ne sɛ wɔdeda no wɔ abansoro no so. Yerusalem de, da a obi bewu no ara na wosie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wotumi sie owufo no ne nnansa so. bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.