Pular para o conteúdo
Publicidade

Esdras 8

Nnommum A Wɔne Ɛsra Bae

1 Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae:

2 Pinehas asefo mu no:

Gersom;

Itamar asefo mu no:

Daniel.

Dawid asefo mu no:

Sekania babarima Hatus.

3 Paros asefo mu no:

Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum.

4 Pahat-Moab asefo mu no:

Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu.

5 Satu asefo mu no:

Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa.

6 Adin asefo mu no:

Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum.

7 Elam asefo mu no:

Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson.

8 Sefatia asefo mu no:

Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe.

9 Yoab asefo mu no:

Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe.

10 Bani asefo mu no:

Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia.

11 Bebai asefo mu no:

Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe.

12 Asgad asefo mu no:

Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du.

13 Adonikam asefo a wotwa to no:

wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho.

14 Bigwai asefo mu no:

Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho.

15 Meboaa nnommum no ano Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu no din mu no, mihuu Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi . 16 Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso; 17 na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn yɛn Nyankopɔn fi. 18 Esiane Onyankopɔn adom nsa yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni, 19 ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu 20 ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din.

21 Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban. 22 Na mefɛree mebisa ɔhene no ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, "Yɛn Nyankopɔn wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no." 23 Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ.

24 Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho 25 wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so. 26 Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu emu duru : dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, 27 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo , kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sikakɔkɔɔ ankasa.

28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, "Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn. 29 Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no." 30 Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.

31 Yefii Ahawa Suka atenae Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam. 32 Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee nnansa.

33 Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no Lewifo no nsa. 34 Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara.

35 Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae ɔhyew afɔre maa Awurade. 36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si.

Veja também