24 "Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo. 25 Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26 Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a, 27 mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ " Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.
Publicidade