Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 17

Ɔbotan Mu Nsu

1 Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu no, na nsu a wɔbɛnom biara nni . 2 Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose , "Ma yɛn nsu nnom!"

Mose ka kyerɛɛ wɔn se, "Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ mosɔ Awurade hwɛ?"

3 Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, "Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!"

4 Mose su frɛɛ Awurade se, "Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ wosiw me abo."

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn . 6 Mehyia wo ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. wudu a, fa wo pema no ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee." Mose yɛɛ nea Awurade kae no Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu. 7 Enti Mose too beae din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, "Awurade ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?"

Israelfo Di Amalekfo So Nkonim

8 Afei, akofo a wofi Amalek17.8 Amalekfo no yɛ Esau nena barima asefo, na wɔtow hyɛ afoforo so fom wɔn nneɛma wɔ nweatam no so. bɛtow hyɛɛ Israelfo no so Refidim ne wɔn koe. 9 Mose ka kyerɛɛ Yosua se, "Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no."

10 Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. 11 Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. 12 Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii owia kɔtɔe. 13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn afoa ano.

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, "Kyerɛw eyi ma ɛnna afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase ɔsoro ase."

15 Mose sii afɔremuka na ɔtoo no din Awurade Nissi a ase ne Awurade ne me frankaa. 16 Mose kae se, "Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia Awurade ahengua nti, Awurade ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so."

Veja também