Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 20

3 "Monnsom onyame foforo biara nka me ho.

4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. 5 Monnkotow ohoni biara nsom no ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso awofonom bɔne a wɔyɛ no ho awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, 6 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.

7 Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. moyɛ saa a, obebu mo .

8 Monkae homeda na munni no da kronkron. 9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 10 na da a ɛto so ason no homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho adwuma biara. 11 Efisɛ Awurade de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so wɔmfa nhome.

12 Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.

13 Nni awu.

14 Nsɛe aware.

15 Mmɔ korɔn.

16 Nni adansekurum.

17 Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de."

Veja também