Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 29

Asɔfohyɛ

1 "Ɔkwan a ɛsɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm. 2 Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. 3 Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano. 4 Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano , na momfa nsu nguare wɔn. 5 Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no, 6 na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no. 7 Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so. 8 Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn. 9 Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa.

10 "Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11 Munkum no Awurade anim Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase. 13 Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no afɔremuka no so. 14 Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi nkɔ afikyiri na monkɔhyew no bɔne ho afɔrebɔ.

15 "wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam 16 na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa. 17 Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako 18 na monhyew no afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ Awurade ani.

19 "Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, 20 Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa. 21 Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew Awurade anim.

22 "Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no. 23 Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu. 24 Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ afɔrebɔde mma Awurade. 25 Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no afɔremuka no so ohuam afɔre mma no. 26 Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim Awurade anim ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa.

27 "Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho. 28 Ɛsɛ eyi Israelfo asɛde wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ wɔbɔ ma Awurade.

29 "Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo. 30 Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea .

31 "Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no baabi a ɛhɔ tew. 32 Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so Ahyiae Ntamadan no ano. 33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho. 34 ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron.

35 "Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. 36 Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho. 37 Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.

38 "Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre afɔremuka no so. 39 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere. 40 Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. 41 Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama Awurade.

42 "Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara Ahyiae Ntamadan no pon ano Awurade anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa. 43 Na mehyia Israelmma na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho.

44 "Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho. 45 Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn, 46 na wobehu mene Awurade, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Nyankopɔn.

Veja também