10 Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim."
11 Mose kae se, "Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?"
12 Onyankopɔn buaa no se, "Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so."