Aduhuam Afɔremuka
1 "Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam wɔ so. 6 Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi wɔ mpatabea hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ no ho ban. Mehyia mo wɔ hɔ.
7 "Da biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. 8 Anwummere biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa. 10 Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔremuka no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so sɛ mpata. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho yɛ no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma Awurade."