Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 "Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no 3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma 4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, 5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa.