Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 32

11 Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, "Awurade, adɛn nti na ɛsɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi? 12 Adɛn nti na ɛsɛ Misraimfo no ka se, Onyankopɔn daadaa wɔn wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ wode ba wo nkurɔfo no so no. 13 Kae a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, Mɛma mo asefo adɔɔso ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’ " 14 Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

Veja também