Pular para o conteúdo
Publicidade

Êxodo 37

Apam Adaka No

1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso anammɔn abien ne fa. 2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho ne emu nyinaa na wɔde bi beabea ho nyinaa. 3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ nʼanan anan no a nkaa abien ɔfa biara. 4 Osen ɔkanto nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. 5 Na wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkaa no mu wɔde bɛsoa.

6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso anammɔn abien ne fa. 7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti. 8 Wɔde kerubim no tetaree adaka no atifi ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no yɛɛ baako. 9 Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.

10 Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu anammɔn abiɛsa; ne trɛw ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ anammɔn abien ne fa. 11 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho na woguu bi ne ntwea so nyinaa. 12 Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho. 13 Afei, wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan, na ɔde hyehyɛɛ ɔpon no anan anan no nyinaa ase. 14 Wɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkaa no mu a wɔde bɛma ɔpon no so asoa. 15 Wɔde ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 16 Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.

17 Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa mu ade baako. 18 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no nkorata asia a abiɛsa fa na abiɛsa nso fa. 19 Wɔde nhwiren abiɛsa siesiee nkorata biara ho. 20 Na saa ara nso na kaneadua no, wodii nhwiren a ɛyɛ bi adwinni de siesiee no. 21 Nhwiren no bi ne dua no ase nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa asia. 22 Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.

23 Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe. 24 Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru kilogram aduasa anan a ne nyinaa sikakɔkɔɔ.

25 Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka mu ma ɛyɛ ade baako. 26 Wɔde sikakɔkɔɔ duraa ne nyinaa ho, na oguu bi nso ne ntwea so nyinaa. 27 Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu. 28 Nnua a na wɔde soa no ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

29 Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso.

Veja também