17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, "Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti,
"Madome asase,
na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so
wo nkwanna nyinaa.
18 Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ
ama wo na woadi wuram nhaban.
19 Wubesiam wʼanim fifiri
ansa na woanya aduan adi,
kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu,
efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii;
woyɛ dɔte,
na dɔte mu na wobɛsan akɔ."