Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom
1 Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, "Obiara mfi ha nkɔ." Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 2 Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no.
3 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, "Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?" Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.