Publicidade

Amós 8

Kɛntɛn A Aduaba A Abereɛ Mu

1 Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ mu. 2 Ɔbisaa , "Ɛdeɛn na wohunu, Amos?"

Mebuaa , "Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma."

Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me , "Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio."

3 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, "Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti komm!"

4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so,

na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,

5 na moka ,

"Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam

ama yɛatɔn aduane,

na Homeda bɛba awieeɛ

ama yɛadi ayuo dwa?"

mobɛhyɛ susukora mu

na moatoto ɛboɔ so

na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,

6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ

na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa,

na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.

7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam : "Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.

8 "Asase renwoso deɛ asie yi ho anaa,

na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa?

Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te Nil8.8 Yiri tɛnn te se Nil: Osu a ɛtɔ berɛ ano berɛ ano wɔ Etiopia no ma Asubɔnten Nil a ɛwɔ Misraim yiri bu fa so bɛyɛ anammɔn 25 ma ne subɔnhwa no yɛ ma. Nsuyire yi saa dɔte pa kɔgu asase no so.

ɛbubu afa so, na asane atwe bio

te Misraim asubɔnten."

9 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

"Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ,

na mama esum aduru asase so awia ketee.

10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie

na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.

Mɛma mo nyinaa afira ayitoma

na mayi mo tirinwi.

Mɛyɛ saa da no te ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da

na awieeɛ no ayɛ da a ɛyɛ nwono.

11 "Nna no reba" sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

"Mɛma ɛkɔm aba asase no so,

ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,

na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.

12 Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so

na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,

wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,

nanso wɔrenhunu.

13 "Na saa da no

"mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ

bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.

14 Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,

anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,

wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-