Publicidade

Atos 10

Petro Ne Kornelio

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin. 2 Na ɔne ne efiefoɔ nyinaa Nyamesurofoɔ. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafoɔ na daa ɔbɔ mpaeɛ. 3 Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ anisoadehunu mu waba ne nkyɛn abɛfrɛ no , "Kornelio!"

4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa , "Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?"

Ɔbɔfoɔ no buaa , "Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim nkaeɛ adeɛ. 5 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. 6 Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn."

7 Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, 8 kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.

9 Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. 10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte adaeɛso mu. 11 Ɔhunuu ɔsoro abue, na biribi a ɛte ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam. 12 Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma. 13 Afei, nne bi ka kyerɛɛ no , "Petro, sɔre na kum bi we!"

14 Petro buaa , "Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da."

15 Nne no ka kyerɛɛ no bio , "Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka ɛho nte."

16 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro.

17 Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano. 18 Wɔfrɛ bisaeɛ , "Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?"

19 Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no , "Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri , me na masoma wɔn."

21 Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn , "Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?"

22 Nnipa no buaa no , "Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn." 23 Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ.

Petro Kornelio Efie

Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ. 24 Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25 Petro reyɛ awura efie no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no , "Sɔre, ɛfiri , me nso meyɛ onipa wo ara."

27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. 28 Petro ka kyerɛɛ wɔn , "Mo ara monim pefee Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me , ɛnsɛ meka onipa bi ho nte. 29 Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no."

30 Kornelio kaa , "Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ me fie no, mehunuu ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. 31 Ɔkaa , Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim nkaeɛ adeɛ. 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn. 33 Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo ka kyerɛ yɛn no."

Petro Asɛnka

34 Petro firii aseɛ kasaa , "Afei, mahunu , ɛyɛ nokorɛ , Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35 na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. 36 Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. 37 Monim nsɛm a ɛsisii Yudea, a ɛfirii aseɛ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38 Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ.

39 "Yɛyɛ dwuma a ɔdii Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. 40 Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. 42 Na ɔhyɛɛ yɛn , yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ , ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 43 Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm , wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no."

Amanamanmufoɔ Nya Honhom Kronkron

44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45 Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so. 46 Ɛfiri , wɔtee wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ ne kɛseyɛ ho.

Petro kaa , 47 "Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?" 48 Petro hyɛɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no ɔnni nna kakra wɔn nkyɛn.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-