Publicidade

Atos 16

Timoteo Kɔka Paulo Ne Silas Ho

1 Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame Yudani ogyidini na nʼagya nso Helani no te. 2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa. 3 Esiane na Paulo ɔde Timoteo ka ne ho enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri , Yudafoɔ a na wɔwɔ no nyinaa nim Timoteo agya Helani. 4 Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn. 5 Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.

Twa Bra Makedonia

6 Esiane Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan wɔnka asɛm no Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7 Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan. 8 Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa. 9 Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina resrɛ no , "Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!" 10 Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri , yɛtee aseɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn yɛnkɔka asɛmpa no .

Lidia Adwensakyera

11 Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli. 12 Yɛfiri no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra saa kuro yi mu.

13 Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate Yudafoɔ taa hyia mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa no Atwerɛsɛm no. 14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn , "mogye tom meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie." Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii yɛpeneeɛ.

Paulo Ne Silas Da Afiase

16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17 Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam , "Saa nnipa yi Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo." 18 Yei kɔɔ so ara kɔsii da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no , "Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu , tu firi ne mu !" Amonom ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu.

19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim adwabɔeɛ. 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ , "Saa nnipa yi Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan yɛgye tom."

22 Nnipadɔm a wɔwɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. 24 Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.

25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko , asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. 27 Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ anka ɔde kum ne ho.). sohwɛfoɔ no kum ne ho, a na aniwuo ne adwendwene biara to atwa. 28 Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no , "Nkum wo ho! Yɛn nyinaa ha!"

29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn , "Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?"

31 Wɔbuaa , "Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa." 32 Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri , afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wɔgyaa Asomafoɔ No

35 Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no , "Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ." 36 Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo , "Mpanin no asoma abɛka mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu."

37 Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no , "Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn."

38 Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee Paulo ne Silas Romafoɔ no, wɔsuroeɛ 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase ka kyerɛɛ wɔn wɔmfiri kuro no mu. 40 Paulo ne Silas firii afiase kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no , hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii kɔeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-