Publicidade

Atos 17

Paulo Ne Silas Tesalonika

1 Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan no. 2 Sɛdeɛ Paulo taa no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ Atwerɛsɛm no ho, 3 kyerɛɛ mu, dii adanseɛ ɛsɛ , Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa , "Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no." 4 Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no.

5 Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no. 6 Esiane wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam , "Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu, 7 ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn yɛnni so no so, ɛfiri , wɔka , ɔhene foforɔ bi a wɔfrɛ no Yesu." 8 Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no. 9 Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn.

Paulo Ne Silas Beroia

10 Adeɛ saeɛ ara , anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11 Na nnipa a wɔwɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ wɔhunu nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no nokorɛ anaa. 12 Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ.

13 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no Beroia no, wɔkɔɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. 14 Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. 15 Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo wɔmmɛka ne ho ntɛm.

Paulo Atene

16 Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo Atene no, ɔhunuu ahoni pii kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie. 17 Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ adwabɔeɛ ara no no. 18 Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa , "na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi ɔkyerɛ yi?" Afoforɔ nso kaa , "Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm." Deɛ enti a wɔkaa yei ne , na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm. 19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago17.19 Asekyerɛ ne "Ares kokoɔ." Ares yɛ Helafoɔ nyame a ɔgyina hɔ ma aprannaa ne ɔko. nhyiamu anim kaa , "Yɛpɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20 ɛfiri , nsɛm a woka no bi yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie." 21 Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ no nni hwee wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ.

Paulo Asɛnka Areopago

22 Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa , "Atenefoɔ, mehunu moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie. 23 Ɛfiri , metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho ,

Onyame a wɔnnim no no de.

Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

24 "Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri , ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn. 26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ. 27 Ɛwom Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no; 28 sɛdeɛ obi ka , Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn hono no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka , Yɛn nso yɛyɛ ne mmano.

29 "Ɛnneɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ yɛsusu Onyankopɔn tebea te ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ. 30 Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so. 31 Ɛfiri , wayi da bi ato a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa."

32 Ɛberɛ a nnipa no tee Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa , "Yɛpɛ wosane ka saa asɛm no bio." 33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase kɔeɛ. 34 Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-