Publicidade

Atos 20

Paulo Firii Efeso

1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii kɔɔ Makedonia. 2 Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii abosome mmiɛnsa. 3 Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee Yudafoɔ no abɔ ne ho ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ. 4 Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no. 5 Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn Troa. 6 Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn Troa, dii nnawɔtwe .

Paulo Nyane Eutiko

7 Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam anuanom didiiɛ. Esiane na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom. 8 Na nkanea pii abansoro dan a yɛahyia no mu. 9 Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa , "Monnsuro, ɛfiri , ɔnwuiɛ!" 11 Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn . 12 Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie.

Paulo Mileto

13 Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso yɛrekɔfa Paulo , ɛfiri , na waka akyerɛ yɛn ɔrefa fam akɔ . 14 Ɔbɛkaa yɛn ho Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto. 16 Esiane na Paulo ho pere no , ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no no enti, ɔyɛɛ nʼadwene ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ Asia.

17 Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no wɔnhyia no. 18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. 19 Ɛwom ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma Awurade ɔsomfoɔ. 20 Monim ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. 21 Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.

22 "Afei, ɛsiane Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me . 23 Deɛ menim ara ne kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron me kɔkɔ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. 24 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra adeɛ a ɛsom bo.

25 "Menim mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. 26 Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo , ɛba mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. 27 Ɛfiri , mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. 28 Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri , Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Menim me akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho hu mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. 30 Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae , mfirinhyia mmiɛnsa a medii mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.

32 "Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. 34 Mo ara modi adanseɛ , me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo , ɛsɛ yɛyere yɛn ho adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae , Awurade Yesu ankasa kaa , Ɔma mu nhyira sene ɔgyeɛ.’ "

36 Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37 Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. 38 Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn , wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-