Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 3

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1 Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde mpaeɛ. 2 Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi ɔda . Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3 Ɛberɛ a ɔhunuu Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn wɔmma no biribi. 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no , "Hwɛ yɛn!" 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuu wɔbɛma no biribi.

6 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no , "Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne , Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!" 7 Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa . Prɛko , ne nan no mu yɛɛ den. 8 Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. 9 Nnipa no nyinaa hunuu no ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wɔhunuu no no, wohunuu ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.

Veja também