Publicidade

Atos 5

Anania Ne Safira

1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi. 2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.

3 Petro bisaa no , "Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? 4 Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn."

5 Anania tee saa asɛm yi ara , ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. 6 Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no.

7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa . 8 Petro bisaa no , "Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me."

Ɔbuaa , "Aane ne nyinaa ne no."

9 Petro ka kyerɛɛ no , "Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo."

10 Amonom ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no ne kunu nkyɛn. 11 Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no.

Asomafoɔ No Sa Nyarewa

12 Na asomafoɔ no taa hyia asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no "Salomo Abrannaa" so . wɔhyia saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii. 13 Ɛwom na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho. 14 Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho. 15 Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16 Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Wɔtaa Asomafoɔ No

17 Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene wɔbɛtwe wɔn aso. 18 Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase. 19 Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn , 20 "Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no."

21 Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.

Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim. 22 Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ , 23 "Ɛberɛ a yɛduruu afiase no, yɛhunuu wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara mu." 24 Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri , na wɔnhunu asɛm a asi.

25 Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa bɛka kyerɛɛ wɔn , "Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no." 26 Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri , na wɔnim , wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ.

27 Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn , 28 "Yɛhyɛɛ mo monnkyerɛkyerɛ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ mokyerɛ , yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!"

29 Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn , "Ɛsɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30 ɛfiri , mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu. 31 Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ."

33 Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa wɔbɛkum asomafoɔ no. 34 Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi. 35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no , "Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie. 36 Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa hweteeɛ. 37 Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no hweteeɛ. 38 Ɛno enti metu mo fo , monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu. 39 Nanso, ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu moreko atia Onyankopɔn."

40 Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa5.40 Yudafoɔ asotwe a ɛyɛ mmaabɔ aduanan a wɔayi so baako na wɔde hwee wɔn (2 Ko 11.24). hyɛɛ wɔn wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn.

41 Esiane asomafoɔ no hunuu ɛyɛ Onyankopɔn ɛsɛ wɔhunu amane Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ . 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ asɔrefie ne afie mu da.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-