Publicidade

Atos 7

44 "Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho ɛserɛ so . Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no ɔnsi no no ara . 45 Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii ara kɔsii Dawid ɛberɛ so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn. 47 Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn.

48 "Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka ,

49 " Ɔsoro mʼahennwa,

na asase me nan ntiasoɔ.

Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?

Awurade na ɔseɛ.

Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?

50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-